Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Numeri 21:8, 9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre,* na yɛ bi sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka obi a, ɔmma n’ani so nhwɛ nea ɛsɛn hɔ no na onnya nkwa.” 9 Ɛhɔ ara na Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ de sɛn dua so.+ Na bere biara a ɔwɔ bɛka obi no, na wahwɛ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no, na wanya nkwa.+

  • Daniel 7:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 “Mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehu no, na hwɛ! mihui sɛ obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum mu reba. Na wɔmaa no kwan kɔɔ Nea Ne Nna Akyɛ no nkyɛn,+ na wɔde no kɔɔ N’anim pɛɛ.

  • Mateo 26:64
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka. Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, mubehu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfo* no nsa nifa+ so na ofi ɔsoro mununkum mu reba.”+

  • Yohane 3:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so wɔ sare no so+ no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so,+

  • Yohane 12:32, 33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Na me de, sɛ wɔma me so fi asaase so+ a, mɛtwe nnipa ahorow nyinaa bi aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a na ɔrebewu.+

  • Galatifo 3:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Kristo tɔɔ yɛn+ gyee yɛn+ fii Mmara nnome ase, na osii yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Obiara a wɔasɛn no dua so no, nnome wɔ no so.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena