19 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, Ɔba no ankasa rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea ohu sɛ Agya no yɛ.+ Na biribiara a Agya no yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.
30 Merentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee. Nea mete fi Agya no hɔ no, ɛno ara na migyina so bu atɛn. Na atɛn a mibu no teɛ,+ efisɛ menhwehwɛ nea me ara mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.+