Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 53:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+

      Nanso wammue n’ano.

      Wɔde no kɔe te sɛ oguan a wɔrekokum no,+

      Te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nwi a wayɛ komm,

      Na wammue n’ano.+

  • Yesaia 53:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Obehu n’amanehunu,* na ne koma atɔ ne yam.

      M’akoa+ a ɔyɛ treneeni no nam ne nimdeɛ so

      Bɛma nnipa pii anya trenee gyinabea,+

      Na wasoa wɔn bɔne.+

  • 1 Korintofo 15:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Na nneɛma a edi kan a me nso minyae a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.+

  • Hebrifo 9:13, 14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Mpɔnkye ne anantwinini mogya+ ne nantwibere* nsõ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ so no, ɛno mpo maa wɔn ho tewee, na edwiraa wɔn ho.*+ 14 Sɛ saa a, ɛnde Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔre a dɛm nni ho no, hwɛ sɛnea ne mogya+ betumi atew yɛn ahonim* ho afi nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefo no!+

  • 1 Petro 2:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Ɔno na ɔde n’ankasa nipadua soaa yɛn bɔne+ wɔ dua no so+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae bɔne na yɛatena ase ayɛ adetrenee. Na “ɛnam n’akuru so na wɔsaa mo yare.”+

  • 1 Yohane 3:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Munim nso sɛ, woyii no adi sɛ ommeyi yɛn bɔne mfi hɔ,+ na bɔne nni ne mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena