26 Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+27 na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.+
48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a obegye abofra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso; na obiara a obegye me no, na wagye Nea ɔsomaa me no nso.+ Na nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.”+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase nhyɛ mpanyimfo no ase.+ Na obiara mmrɛ ne ho ase* mma ne yɔnko,* efisɛ Onyankopɔn ko tia ahantanfo, na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.+