Leviticus 19:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka,+ na nnya wo nkurɔfo ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa. Yohane 15:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.+ 1 Tesalonikafo 4:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na onuadɔ+ de, enhia sɛ yɛkyerɛw ho asɛm brɛ mo, efisɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.+ Yakobo 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ mudi so a, na morebɔ mmɔden paa. 1 Petro 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira mo* ho ama moanya onuadɔ a nyaatwom nnim+ yi, mumfi komam nnodɔ mo ho denneennen.+ 1 Yohane 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu,+ efisɛ yɛdɔ anuanom.+ Nea onni dɔ no te owu mu.+
18 “‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka,+ na nnya wo nkurɔfo ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa.
9 Na onuadɔ+ de, enhia sɛ yɛkyerɛw ho asɛm brɛ mo, efisɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.+
8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ mudi so a, na morebɔ mmɔden paa.
22 Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira mo* ho ama moanya onuadɔ a nyaatwom nnim+ yi, mumfi komam nnodɔ mo ho denneennen.+