13 Nanso sɛ ɔno,* kyerɛ sɛ, nokware no honhom+ no ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu, efisɛ ɔrenka nea ɔno ankasa pɛ. Mmom nsɛm a ɔte no, ɛno na ɔbɛka, na ɔbɛka nea ɛreba akyerɛ mo.+
27 Na mo de, ɔsra a munya fii ne hɔ+ no te mo mu, na enhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; mmom sɛnea ɔsra a munya fii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro no, sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne nea ɔsraa mo no nyɛ baako.+