Yesaia 53:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛno nti, mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,Na ɔne mmarima a wonim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,Efisɛ ɔde ne nkwa* too hɔ maa owu,+Na wɔkan no fraa mmaratofo;+Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+Na ogyinaa mu maa mmaratofo.+ Mateo 27:50 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Yesu san de nne kɛse teɛɛm, na ogyaa ne honhom mu.*+ Marko 15:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na Yesu teɛɛm denneennen, na owui.*+ Luka 23:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Bere a ɔkaa saa no, owui.*+
12 Ɛno nti, mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,Na ɔne mmarima a wonim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,Efisɛ ɔde ne nkwa* too hɔ maa owu,+Na wɔkan no fraa mmaratofo;+Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+Na ogyinaa mu maa mmaratofo.+