Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 4:29, 30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Afei, Yehowa,* tie wɔn ahunahuna no, na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru kɛse nka w’asɛm, 30 na teɛ wo nsa ma nnipa nnya ayaresa, na nsɛnkyerɛnne ne anwonwade+ mfa w’akoa kronkron Yesu+ din so mmra.”

  • Asomafo Nnwuma 6:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Na Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ayɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse wɔ nnipa no mu.

  • Asomafo Nnwuma 14:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde Yehowa* tumi kasae akokoduru so. Na Onyankopɔn ma wɔyɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, na ɔnam so dii asɛm a ɛfa n’adom ho no ho adanse.+

  • Asomafo Nnwuma 15:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Bere a ɔkaa saa no, nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm. Ɛnna Barnaba ne Paul kaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree a Onyankopɔn nam wɔn so yɛe wɔ amanaman mu no kyerɛɛ wɔn, na nnipadɔm no tiee wɔn.

  • Romafo 15:18, 19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Na merensi me bo sɛ mɛka biribiara, gye nea Kristo nam me so ayɛ nko ara. Kristo nam me so yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a amanaman no bɛyɛ osetie. Ɔfaa m’asɛm ne m’adwuma so na ɛyɛɛ saa. 19 Ɔsan nso faa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi+ ne honhom kronkron tumi so na ɛyɛɛ saa. Ɛno nti, mekaa Kristo ho asɛmpa no frenkyemm fii Yerusalem kɔe ara koduu Ilirikum.+

  • 2 Korintofo 12:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Mo ara muhuu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔsomafo no. Muhuu animia kɛse+ ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔden nnwuma*+ no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena