-
2 Beresosɛm 6:32, 33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 “Afei ɔhɔho a omfi wo man Israel mu mpo, sɛ wo din kɛse+ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woateɛ mu nti ofi akyirikyiri asaase so ba, na ɔde n’ani kyerɛ ofi yi bɔ mpae+ a, 33 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da ofi a masi yi so.
-