Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 11:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 “‘Mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae abien a ɛnsɛ sɛ mowe ni: Monnwe yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne nan mu mpaee abien. Ne ho ntew mma mo.+

  • Leviticus 11:13-20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 “‘Mmoa a wotu a ɛsɛ sɛ mukyi ni; monnwe wɔn nam, efisɛ wɔyɛ akyiwade: Ɔkɔre,+ ɔkɔrebia, opete tuntum,+ 14 ɔkompete, ɔkom ahorow nyinaa bi, 15 kwaakwaadabi ahorow nyinaa bi, 16 sohori, ɔpatu, asomfena, akorɔma ahorow nyinaa bi, 17 ɔpatu ketewa, ɛpo so anene, ɔpatu asotenten, 18 suborɔkokɔ, nsu so dabodabo, opete, 19 asukɔnkɔn, asunoma ahorow nyinaa bi, asuakwaa, ne ampan. 20 Mmoa nketenkete* a wotu na wɔwɔ nan anan nyinaa yɛ mo akyiwade.

  • Leviticus 20:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Ɛnsɛ sɛ mode mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a makyerɛ sɛ wɔn ho ntew no gu mo ho* fĩ.+

  • Deuteronomium 14:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Nni akyiwade biara.+

  • Deuteronomium 14:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wotu biara ho ntew mma mo. Monnwe.

  • Hesekiel 4:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Afei mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa, eyi de ɛyɛ den. Efi me mmofraase besi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatetew ne mu mfa nguu me* ho fĩ da,+ na nam a ɛho ntew* biara nso nkaa m’ano da.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena