-
Asomafo Nnwuma 10:17-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na Petro yɛɛ basaa, na na ɔnte anisoadehu no ase. Saa bere no, na mmarima a Kornelio somaa wɔn no abisabisa Simon fi kwan, enti na wɔabegyina ɔpon no ano.+ 18 Na wɔteɛɛm bisae sɛ ebia Simon a wɔfrɛ no Petro no abɛsoɛ hɔ anaa. 19 Bere a Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, honhom no+ kae sɛ: “Hwɛ! Mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Enti sɔre, si fam na wo ne wɔn nkɔ, mma w’adwene mu nnyɛ wo naa koraa, efisɛ me na mesomaa wɔn.”
-