-
Luka 23:13-15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Afei Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo* ne ɔmanfo no hyiaam, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode ɔbarima yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfo no tew atua. Na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu wɔ mo anim, nanso manhu nnyinaso biara wɔ nea mode bɔɔ no sobo no mu.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, Herode nso anhu biribiara wɔ ne ho, na ɔsan de no brɛɛ yɛn. Na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu.
-