-
Asomafo Nnwuma 22:27-29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Enti ɔsahene no baa Paul nkyɛn bebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ me, woyɛ Romani?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Yiw.” 28 Ɔsahene no kae sɛ: “Sika kɛse paa na mede tɔɔ saa hokwan yi bɛyɛɛ ɔman ba.” Ɛnna Paul kae sɛ: “Me de, wɔde woo me.”+
29 Enti ntɛm ara, mmarima a anka wɔrebɛyɛ Paul ayayade ama waka nea wayɛ no twee wɔn ho fii ne ho. Bere a ɔsahene no hui sɛ Paul yɛ Romani, ɛnna ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no no, ɔbɔɔ hu.+
-