18 Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto?+
Dɛn na mode no bɛtoto ho?+
19 Odwumfo de dade a wɔanan yɛ ohoni,
Ɔtomfo de sika kɔkɔɔ fa ho,+
Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuade toto wɔn kɔn mu.
20 Ɔpaw dua sɛ n’afɔrebɔde,+
Dua a ɛremporɔw.
Ɔhwehwɛ odwumfo a onim adwuma
Ma osen ohoni a enhinhim.+