21 Na bere a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo wiei a wonyaa asuafo dodow bi no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia. 22 Wɔhyɛɛ asuafo no den+ wɔ hɔ, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+