19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, 20 monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi* awiei bere.”+
2 Ka asɛm no;+ yere wo ho ka, na ntwentwɛn so, ka no bere a eye ne bere a enye mu, ka anim,+ fa nteɛso ma, tu fo; fa abotare ne nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn yɛ ne nyinaa.+