9 Ná Saul da so ara rehunahuna Awurade asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.+ Enti ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, 2 na ɔkɔkae sɛ ɔmma no nkrataa nkɔ Damasko hyia adan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akyere obiara a obehu sɛ ɔnam Ɔkwan No+ so, mmarima oo, mmea oo, na ɔde wɔn aba Yerusalem.