30 Na kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na nkurɔfo no de mmirika betwa hyiae, na wosusoo Paul mu twee no fii asɔrefi hɔ. Na ntɛm ara, wɔtotoo apon no mu. 31 Na bere a wɔyɛe sɛ wɔrekum no no, asraafokuw no sahene no tee sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ bagyabagya.