M’akoa+ a ɔyɛ treneeni no nam ne nimdeɛ so
Bɛma nnipa pii anya trenee gyinabea,+
Na wasoa wɔn bɔne.+
12 Ɛno nti, mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,
Na ɔne mmarima a wonim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,
Efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu,+
Na wɔkan no fraa mmaratofo;+
Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+
Na ogyinaa mu maa mmaratofo.+