16 Nanso, wohuu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, me a mesen abɔnefo nyinaa no, Kristo Yesu bɛfa me so ayi n’abotare nyinaa adi, na ɔde me ayɛ nhwɛso ama wɔn a wobegye no adi na wɔanya daa nkwa+ no.
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+