Romafo 4:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea ɛwom ne sɛ, Mmara no de abufuw ba,+ nanso baabi a mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+ Romafo 5:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na Mmara no bae sɛnea ɛbɛyɛ a mfomso bɛdɔɔso.+ Nanso bere a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so.