13 Bio nso, bere bi, mo mfomso ne twetia a muntwae nti, na moawuwu, nanso Onyankopɔn maa mo ne Kristo baa nkwa mu bio.+ Ɔdom yɛn de yɛn mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14 na ɔpopaa nsaano nkyerɛwee+ a ahyɛde ayɛ no ma+ a na ɛko tia yɛn+ no fii hɔ. Ɔde bɔɔ asɛndua mu yi fii kwan mu.+