Romafo 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti mommma yemmmubu yɛn ho atɛn bio,+ na mmom munsi mo bo sɛ moremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.+ 1 Korintofo 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, merenwe nam bio da, na manto me nua hintidua.+ 1 Korintofo 10:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.+
13 Enti mommma yemmmubu yɛn ho atɛn bio,+ na mmom munsi mo bo sɛ moremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.+