-
Romafo 4:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Saa anigye yi, wɔn a wɔatwa twetia* nko ara na enya anaa wɔn a wontwaa twetia nso ka ho?+ Efisɛ yɛka sɛ: “Abraham gyidi nti, wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+ 10 Bere bɛn na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni? Ɛyɛ bere a na watwa twetia anaa bere a na ontwaa twetia? Ɛnyɛ bere a na watwa twetia, na mmom bere a na onnya ntwaa twetia.
-