-
Numeri 18:30, 31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mode nea ɛyɛ papa paa no yi ntoboa a, nea aka no bɛyɛ mo, Lewifo no dea. Ɛbɛyɛ sɛ nsã a efi mo ankasa amoa a mukyĩ nsã wom mu, anaa ngo a efi baabi a mo ara mukyĩ ngo. 31 Mo ne mo fifo betumi adi wɔ baabiara, efisɛ adwuma a moyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho no, ɛyɛ ho akatua.+
-