11 Ɛde besi nnɛ nyinaa, yedi kɔm+ ne sukɔm,+ yɛdeda adagyaw,* wɔboro yɛn,+ yenni baabi te, 12 na yɛbrɛ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔyeyaw yɛn a, yehyira wɔn;+ sɛ wɔtan yɛn ani a, yɛtɔ yɛn bo ase de animia gyina mu;+
8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.*+ Mmom yebirii yɛn mogya ani yɛɛ adwumaden awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse biara nto mo mu biara so.+