24 Fa saa mmarima yi kɔ, na wo ne wɔn nkodwira mo ho na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti. Ɛbɛma obiara ahu sɛ nea wɔretete fa wo ho no nyɛ nokware. Na mmom wonam pɛpɛɛpɛ, na wo ara nso wudi Mmara no so.+
26 Enti ade kyee no, Paul faa mmarima no, na ɔne wɔn nyinaa kodwiraa wɔn ho,+ na ɔkɔɔ asɔrefi hɔ kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn mu biara.