5 Na nkurɔfo no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose+ mpɛn pii sɛ: “Adɛn nti na mode yɛn afi Egypt aba sare yi so sɛ yemmewuwu? Aduan biara nni ha, nsu biara nni ha,+ na aduanfõ yi afono yɛn.”+ 6 Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre baa nkurɔfo no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfo pii wuwui.+