33 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu mpo.”+34 Nanso ɔkae sɛ: “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+
6Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw* no, mommɔ mmɔden mfa odwo*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye. Nanso monhwɛ mo ho so yiye,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+