7 Nanso ɛnyɛ obiara na ɔwɔ saa nimdeɛ yi.+ Ebinom wɔ hɔ a, kan no, na wɔsom abosom. Enti sɛ wodi aduan bi a, ɛyɛ wɔn sɛ biribi a wɔde abɔ afɔre ama ɔbosom bi,+ na esiane sɛ wɔn ahonim* yɛ mmerɛw nti, wɔn ahonim ho gu fĩ.+
10 Na wo a wowɔ nimdeɛ no, sɛ obi hu sɛ wote abosom dan mu redidi a, wunnye nni sɛ ebetumi apiapia ɔno a ɔyɛ mmerɛw no* ama wadi aduan a wɔde abɔ afɔre ama abosom anaa?