17 ‘Onyankopɔn se, “Awiei mmere no mu no, mehwie me honhom no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmea bɛhyehyɛ nkɔm, na mo mmerante benya anisoadehu, na mo mpanyimfo bɛsoso adae,+
8 Bere a ade kyee no, yefii hɔ baa Kaesarea. Na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason+ no ho no fi, na yɛtenaa ne nkyɛn. 9 Ná ɔbarima yi wɔ mma mmea baanan a wɔnwaree,* na na wɔhyɛ nkɔm.+