-
Romafo 15:18, 19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Na merensi me bo sɛ mɛka biribiara, gye nea Kristo nam me so ayɛ nko ara. Kristo nam me so yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a amanaman no bɛyɛ osetie. Ɔfaa m’asɛm ne m’adwuma so na ɛyɛɛ saa. 19 Ɔsan nso faa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi+ ne honhom kronkron tumi so na ɛyɛɛ saa. Ɛno nti, mekaa Kristo ho asɛmpa no frenkyemm fii Yerusalem kɔe ara koduu Ilirikum.+
-
-
1 Korintofo 4:20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni nnyina kasa so, na mmom tumi so.
-
-
1 Tesalonikafo 1:5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 efisɛ asɛmpa a yɛka no, ɛnyɛ yɛn ano nko na yɛde ka kyerɛɛ mo, na mmom yɛde tumi ne honhom kronkron ne awerɛhyem a emu yɛ den nso kaa ho, na mo ara munim sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho maa mo bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no.
-