-
Asomafo Nnwuma 18:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo+ a ofi Aleksandria baa Efeso. Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ano atew, na na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye. 25 Ná wɔakyerɛkyerɛ saa ɔbarima yi wɔ Yehowa* kwan so, na esiane sɛ na honhom no ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim.
-