-
2 Korintofo 3:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ yɛn ara yɛfata yiye sɛ yɛyɛ saa adwuma yi, na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata yiye.+ 6 Ɔno na wama yɛafata yiye sɛ yɛyɛ apam foforo+ asomfo. Yɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw+ ho asomfo, na mmom yɛyɛ honhom de; efisɛ mmara a wɔakyerɛw no bu nnipa fɔ kɔ owu mu,+ na honhom no de, ɛma nkwa.+
-