-
Asomafo Nnwuma 18:26-28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 Apolo fii ase de akokoduru kasae wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila+ tee nea ɔreka no, wɔfaa no kaa wɔn ho, na wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no. 27 Ná Apolo pɛ sɛ ɔkɔ Akaia, enti anuanom no kyerɛw asuafo a ɛwɔ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnye no kama. Na bere a oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam Onyankopɔn adom so abɛyɛ gyidifo no paa; 28 efisɛ ɔyeree ne ho denneennen daa no adi pefee wɔ baguam sɛ Yudafo no afom kwan, na ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn ma wohui sɛ Yesu ne Kristo no.+
-