-
2 Korintofo 4:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Ne saa nti, esiane sɛ wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛanya ɔsom adwuma yi nti, yɛmpa abaw. 2 Na mmom yɛatwe yɛn ho afi sum ase nnwuma a ɛyɛ aniwu no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu.+ Mmom yɛda nokware no adi, na yɛnam so di yɛn ho adanse kyerɛ nnipa* nyinaa wɔ Onyankopɔn anim.+
-