3 Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn+ no. 4 Ɔno na ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nso, yebetumi de awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ+ no akyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu biara mu no werɛ.+