24 Nanso Saul hui sɛ wɔabɔ ne ho pɔw. Bio nso, na wɔtetɛw no apon no ano awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya no akum no. 25 Enti n’asuafo no faa no anadwo de no sii kɛntɛn mu, na wɔde no faa tokuru bi a ɛda ɔfasu no mu gyaagyaa no nkakrankakra sii fam.+