11 Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe; 12 efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi,+ na mmom yɛne aban ahorow, atumfo, wiase yi sum mu mpanyimfo, ne ahonhommɔne dɔm+ a wɔwɔ soro.