-
Hebrifo 12:22-24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Mmom no, moaba Sion Bepɔw+ ho ne Onyankopɔn teasefo no kurow mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfo mpem dudu 23 bagua anim,+ ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ obiara Temmufo+ no anim, ne atreneefo a wɔde honhom no tumi bɔ wɔn bra,+ a wɔama wɔawie pɛyɛ+ no mu, 24 ne apam foforo+ ntamgyinafo Yesu+ nkyɛn, ɛne mogya a wɔpetee a ɛkasa yiye sen Habel mogya+ no ho.
-