Yohane 14:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Me ne mo renkasa pii bio, efisɛ nea odi wiase so+ no reba. Na onni me so tumi.+ Efesofo 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Bere bi, na monantew sɛnea wiase yi te;*+ ɔpanyin a ɔde ne tumi akɛntɛn mframa a ɛrebɔ no so+ no, monantewee sɛnea ɔpɛ. Saa mframa no ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no. 1 Yohane 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yenim sɛ yefi Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.+
2 Bere bi, na monantew sɛnea wiase yi te;*+ ɔpanyin a ɔde ne tumi akɛntɛn mframa a ɛrebɔ no so+ no, monantewee sɛnea ɔpɛ. Saa mframa no ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.