-
Romafo 4:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Ɛno nti na ɛnam gyidi so no, sɛnea ɛbɛyɛ a ebegyina adom so,+ na ama bɔhyɛ no atim ama n’asefo*+ nyinaa, ɛnyɛ wɔn a wɔbata Mmara no ho nko ara, na mmom wɔn a wɔbata Abraham gyidi ho nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.+ 17 (Ɛte sɛ nea wɔakyerɛw yi: “Mayi wo de wo ayɛ aman bebree agya.”)+ Eyi sii wɔ Onyankopɔn a onyaa ne mu gyidi no anim. Ɔno ne Onyankopɔn a onyan awufo, a ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no.*
-