11 Na seesei merekyerɛw mo sɛ, obiara a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo* anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a otwa nkurɔfo adapaa* anaa ɔsabofo+ anaa opoobɔfo+ no, mo ne no mmmɔ;*+ saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.
5 Enti, munkum mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asaase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a aguamammɔ,* ɔbra fĩ,* nna ho akɔnnɔ a wontumi nhyɛ so,+ akɔnnɔ bɔne, ne adifudepɛ* a ɛyɛ abosonsom renni mo so.