23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ankasa a yɛwɔ aba a edi kan a ɛne honhom no nso, nea ɛwom ne sɛ, yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu,+ bere a yɛretwɛn denneennen sɛ wobegye yɛn ayɛ mma,+ na yɛretwɛn sɛ wɔnam agyede so begye yɛn afi yɛn nipadua mu no.
5 Na Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ,+ ne afei Onyankopɔn ne nnipa+ ntamgyinafo baako.+ Ɔno ne onipa Kristo Yesu.+6 Ɔno na ɔde ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa obiara*+ no. Eyi na wobedi ho adanse wɔ ɛno ara ne bere mu.