15 Na honhom a munyae no, ɛnyɛ honhom a ɛma moyɛ nkoa anaa ɛma musuro bio, na mmom munyaa honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no ma yɛteɛm sɛ: “Abba,* Agya!”+
23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ankasa a yɛwɔ aba a edi kan a ɛne honhom no nso, nea ɛwom ne sɛ, yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu,+ bere a yɛretwɛn denneennen sɛ wobegye yɛn ayɛ mma,+ na yɛretwɛn sɛ wɔnam agyede so begye yɛn afi yɛn nipadua mu no.