8 Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee abotiri+ a Awurade, ɔtemmufo treneeni+ no, de bɛma me sɛ akatua saa da no,+ na ɛnyɛ me nko na menya, na mmom wɔn a wɔrehwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛda no adi no nyinaa nso.
13 Na metee nne bi fii soro sɛ, “Kyerɛw sɛ: Anigye ne wɔn a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ. Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome mfi wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”*