1 Korintofo 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Wɔahyɛ me ne mo nyinaa nkuran.* Enti munnye nnipa a wɔte saa ntom. 1 Tesalonikafo 5:12, 13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no; 13 na esiane adwuma a wɔreyɛ no nti, momfa nidi soronko mma wɔn, na monnɔ wɔn.+ Obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoe mu.+
12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no; 13 na esiane adwuma a wɔreyɛ no nti, momfa nidi soronko mma wɔn, na monnɔ wɔn.+ Obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoe mu.+