5 Onyankopɔn a ɔma yetumi mia yɛn ani gyina mu na ɔma yɛn awerɛkyekye no, ɔmma mo nyinaa nnya adwene a na Kristo Yesu wɔ no ara bi, 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ baako,+ na mode nne* koro ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya anuonyam.
10 Afei anuanom, mitu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ ano koro, na mommma mpaapaemu mmma mo mu.+ Mmom monka mmom denneennen wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.+
11 Ne korakora no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi, momma wonnye mo nsi yiye, momma wɔnkyekye mo werɛ,+ munnya adwenkoro,+ montena asomdwoe mu.+ Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena.