-
1 Korintofo 13:4-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Ɔdɔ+ wɔ abotare*+ na ne yam ye.+ Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.+ Ɛnyɛ anomdwa.* Ɛnyɛ ahomaso,+ 5 ɛnyɛ ade a ɛnsɛ,*+ ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia,+ ne bo nhaw no.+ Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.+ 6 Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi,+ na mmom edi nokware ho ahurusi. 7 Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu,+ egye biribiara di,+ ɛwɔ biribiara mu anidaso,+ na egyina biribiara ano.+
-