19 Me nso mommɔ mpae mma me, na sɛ mibue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotoso aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfo;+20 saa asɛmpa yi, meyɛ ho ɔnanmusini*+ a meda afiase. Mepɛ sɛ mitumi de akokoduru ka ho asɛm sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.
7 Moda me koma so, enti sɛ minya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho a, ɛyɛ ne kwan so, efisɛ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,+ ne asɛmpa no a mebɔ ho ban mmara kwan so+ no nyinaa mu no, motaa m’akyi, enti me ne mo nyinaa anya adom no mu kyɛfa.